Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na mese: Ɔbarima a ɔte sɛ me bɛdwane anaa? Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛne asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na mibuae se, “Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me guan amanehunu ana? Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akohintaw Asɔredan mu de apere me nkwa ana? Dabi, merenyɛ saa!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na mese: Ɔbarima a ɔte sɛ me bɛdwane anaa? Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛne asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na mebuaa sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:11
20 Iomraidhean Croise  

Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm yi, ɔhyɛ tiaa me, na Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.


Na mesomaa ɔbɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛse na mereyɛ yi, na mintumi minsian memma. Ɛdɛn nti na adwuma no nna hɔ na minnyaw no hɔ nsian mmra mo nkyɛn?


Na wɔn nyinaa, ehu nko na woyi yɛn sɛ: Wɔn nsam begow afi adwuma no ho na wɔanyɛ. Na afei, hyɛ me nsam den.


Na ɔrenhim da biara da, ɔtreneeni bɛyɛ daa nkae.


Ne koma atim, ɔrensuro kosi sɛ obehu nea ɔpɛ, n’ahohiafo so.


Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.


Nwansena funu ma odufrafo aduru bɔn na ɛporɔw, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sen nyansa ne anuonyam.


Na ne kwae ne ne mfuw anuonyam no, obefi ɔkra so kosi honam so asɛe no, na ayɛ sɛ ɔyarefo a ɔyare rewie no kum.


Na Aaron ne ne mma no de, yi wɔn si hɔ na wonkura wɔn asɔfodi no mu; na ɔhɔho biara a otwiw bɛn ho no, wonkum no.


Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.


Na Paulo buae sɛ: Adɛn na moresu na mububu me koma yi? Me de, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu Yerusalem hɔ.


Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidi ne som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurusi.


Efisɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owu, na ɔde ne kra too hɔ sɛ obesi mo ananmu asom me wɔ nneɛma nyinaa mu.


Gyidi nti na ogyaw Misraim hɔ a wansuro ɔhene abufuw, na omiaa n’ani tenaa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.


Na ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wuhui na w’ani gyei; na ɛdɛn nti na worebɛyɛ mogya a edi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan