Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Medwenee saa asɛm no ho, na mekasa tiaa atitiriw ne adwumayɛfo no. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Monam nsiho a mugye fi mo ara mo nkurɔfo bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfo nhyiamu kaa ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Medwenee saa asɛm yi ho, na mekasa tiaa atitire ne adwumayɛfoɔ no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monam nsiho a mogye firi mo ara mo nkurɔfoɔ bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfoɔ nhyiamu kaa ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:7
25 Iomraidhean Croise  

Ma ɔpempensifo nsa nka nea ɔwɔ nyinaa, na ananafo mfow n’adwuma so ade.


O! AWURADE, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?


Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom, na onnye nea odi bem hɔ adammude. Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhinhim ara da.


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo mpa so, na monyɛ komm. Sela


Hena na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfo adi asi ama me? Hena na obegyina ne amumɔyɛfo adi asi ama me?


na m'abufuw ano ayɛ den, na mede nkrante makum mo, na mo yerenom adannan akunafo, na mo mma ayeyɛ nyisaa.


Sɛ wofɛm me man mu ɔbrɛfo bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, nyɛ no sɛ ɔpempensifo; munnnye no mfɛntom.


Animka pefee ye sen ɔdɔ a ahintaw.


Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.


Wo mu na wogyigye anadwode, sɛ wobehwie mogya agu; wugyigye mfɛntom ne nsiho, na wode apempensi fa wo yɔnko so, na me de, wo werɛ afi me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Momma ɛnnɔɔ mo so, Israel abirempɔn, munyi amimdi ne nhyɛso, na monyɛ atemmude ne atreneede, munyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsaase fi me nkurɔfo nsam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn.


Nnye ne hɔ mfɛntom, na nhuruw ne ka a ɔde wo no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa.


Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnne bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.


Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio.


Na Kefa baa Antiokia no, migyinaa n’anim kasa tiaa no efisɛ na wadi mfomso bi.


Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn ntɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.


Eyinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho fo, na yi ho ntɛn. Mma obi mmmu wo animtiaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan