Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkae sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmabea no, yɛdɔɔso, momma yɛnkɔpɛ aduan nni na yennya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkaa sɛ, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yɛhia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduane adi anya ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkae sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmabea no, yɛdɔɔso, momma yɛnkɔpɛ aduan nni na yennya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:2
11 Iomraidhean Croise  

Na aman nyinaa baa Misraim bɛtɔɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase nyinaa so.


Na ose: Monhwɛ, mate sɛ aduan wɔ Misraim. Munsian nkɔ hɔ nkɔtɔ bi wɔ hɔ mmrɛ yɛn, na yɛntena ase, na yɛanwu.


Na Yuda ka kyerɛɛ n'agya Israel sɛ: Ma abofra no ne me nkɔ, na yensim nkɔ, na yɛne wo ne yɛn mma atena ase, na yɛanwu.


Ɛdɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w'anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduan, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao, na ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan.


Na adiyifo mma no mu biako yere teɛɛm frɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, no wo ara wunim sɛ w’akoa suro AWURADE; na ɔkafo aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo ne yɛn afi resisi nwowa apɛ ɔkɔm mu aduan.


Mudua pii, na ketewaa bi na efi mu ba; mudidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mufurafura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew, na ɔpaani apaade gu fotow a wɔafiti ɛto mu.


Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo koma mu sɛ mode anuonyam bɛma me din a, asafo Awurade na ose, ɛnne mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; dedaw, efisɛ momfa m’asɛm nsie mo koma mu.


Nnye wo nua sika ho mfɛntom, anaa aduan ho mfɛntom, anaa biribiara a wogye ɛho mfɛntom ho mfɛntom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan