Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Meporeporee me kokom nso na mekaa sɛ: Sei ara na Onyankopɔn bɛporepore onipa biara a ɔmma asɛm yi ntim no afiri ne fie ne n’adwuma mu, na sei ara na wɔbɛporepore no na wayɛ onipahunu. Na badwa no nyinaa kaa sɛ: Amen. Na wɔyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!” Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Meporeporee me kokom nso na mekaa sɛ: Sei ara na Onyankopɔn bɛporepore onipa biara a ɔmma asɛm yi ntim no afiri ne fie ne n’adwuma mu, na sei ara na wɔbɛporepore no na wayɛ onipahunu. Na badwa no nyinaa kaa sɛ: Amen. Na wɔyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Meporoo mʼabɔɔmu mu kaa sɛ, “Sɛ mobu ɛbɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporo mo mfiri mo afie mu ne mo agyapadeɛ ho!” Badwa no gyee so sɛ, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:13
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene gyinaa sumpii no so, na ɔpamee AWURADE anim, sɛ ɔde koma nyinaa ne ɔkra nyinaa bedi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa kogyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Na ɔman no nyinaa kae sɛ Amen, yii AWURADE ayɛ.


Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛse no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmomaa wɔn nsa so; na wɔkotow sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuw fam.


Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo trenee atemmude so.


Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no,


Monhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, bɔ, na momfa mma no. Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa mfa ayɛyɛde mmrɛ nea ne ho yɛ hu no.


Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.


Efanim sɛ woanhyɛ bɔ sen sɛ woahyɛ bɔ na womma.


na nsu a ɛde nnome ba yi ahyɛn wo nsono mu ahon wo yafunu na w'asen atotɔ mu! Na ɔbea no nka sɛ Amen, Amen!


Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw.


Ɛnna wɔporoporow wɔn anan ase tutuw guu wɔn so, na wɔbaa Ikonium.


Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔnte ase no begye w’aseda no so sɛ Amen, bere a onnim nea woreka?


Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Osuan na AWURADE asuan Israel ahenni afi wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a oye sen wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan