Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna wɔse: Yɛbɛdane ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribiara. Yɛbɛyɛ saa, sɛdeɛ woaka no. Na mefrɛɛ asɔfoɔ no mebae, na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ no sɛdeɛ asɛm yi teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna wɔse: Yɛbɛdane ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribiara. Yɛbɛyɛ saa, sɛdeɛ woaka no. Na mefrɛɛ asɔfoɔ no mebae, na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ no sɛdeɛ asɛm yi teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na wɔbuaa sɛ, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfiri nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ deɛ woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa atitire no ne adwumayɛfoɔ no kaa ntam sɛ, wɔbɛdi wɔn bɔhyɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:12
15 Iomraidhean Croise  

Ɛnna bagua no nyinaa gyee so de nne kɛse kae sɛ: Ɛte sa, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea woaka no.


Ɛnna Esra sɔree, na ɔmaa asɔfo mpanyin ne Lewifo ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wobedi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no.


wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa;


ne sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma asase no sofo, nanso yɛremfa wɔn mmabea mma yɛn mmammarima.


Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara.


Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn.


Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao! Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mɛkyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mɛbɔ ho mpɛn anan matua ka.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan