Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɛnnɛ ara monnane wɔn mfuo ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afie mma wɔn, ne sika ne aduane ne nsa ne ngo no ha mu abupɛn a mogyee no wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuw, bobeturo, ngodua mfuw ne wɔn afi ma wɔn. Muntua nsiho a mugyee wɔn wɔ sika, atoko, nsa ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no mma wɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛnnɛ ara monnane wɔn mfuo ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afie mma wɔn, ne sika ne aduane ne nsa ne ngo no ha mu abupɛn a mogyee no wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛnnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuo, bobeturo, ngo dua mfuo ne wɔn afie ma wɔn. Montua nsiho a mogyee wɔn wɔ sika, atokoɔ, nsã ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no ho mma wɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:11
9 Iomraidhean Croise  

Na oguan no, ɔnhyɛ ananmu mpɛn anan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhu mmɔbɔ.


Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.


Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te.


Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? Sɛ mobɛsansan abɔnefo apɔw, ayiyi kɔndua nhama, ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa?


Na afei monsow aba a ɛfata adwensakra, na mummfi ase nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mise mo sɛ, Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.


ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutu a ɛnyɛ wo na wututui, bobe nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛwee, na sɛ wudidi na womee a,


Hwɛ, mini, munni me adanse, AWURADE ne nea wasra no yi anim: Hena nantwi na mafa? Na hena afurum na mafa? Na hena na mahyɛ no so? Na hena na madi no amim? Anaa hena hɔ na magye ademmude na mede mamua m’ani mama no? Na mennan memma mo. Momfa nto gua na metua onipa ko ka


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan