Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na me nso, me nuanom ne m’asomfoɔ, yɛafɛm wɔn sika ne aduane, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfo bɔ ɔmanfo no sika ne atoko bosea, nanso afei momma yennyae boseabɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na me nso, me nuanom ne m’asomfoɔ, yɛafɛm wɔn sika ne aduane, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfoɔ bɔ ɔmanfoɔ no sika ne atokoɔ bosea, nanso, afei momma yɛnnyae boseabɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:10
18 Iomraidhean Croise  

Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;


Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.


Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse,


Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti?


Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom, na onnye nea odi bem hɔ adammude. Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhinhim ara da.


Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? Sɛ mobɛsansan abɔnefo apɔw, ayiyi kɔndua nhama, ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa?


na ɔhyɛ hurufɛm, na ogye nsiho a, so obenya nkwa? Ɔrennya nkwa! Wayɛ akyide yi nyinaa, owu na obewu, ne mogya bebua n’atifi.


na ɔnhyɛ obi so, na ɔde ɔkafoni awowaside san ma no, na ɔnyɛ ɔpempensifo, ɔde n’aduan ma nea odi kɔm na ofura ɔdagyani ntama,


na ɔnhyɛ hurufɛm na onnye nsiho, na ɔtwe ne nsa fi abusude ho, na obu onipa ne onipa ntam nokwatɛn,


Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Na sɛ yenim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wonhu no saa, na Onyankopɔn de, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ yɛada adi mo ahonim mu nso.


Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Onyankopɔn nka mmom.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn adom no kwa.


Na sɛ wɔnkyɛ ade no ni: Ɔdefɛmfo biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ontua, efisɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan