Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiafo ne Amonfo ne Asdodfo no tee sɛ wɔatoatoa Yerusalem afasu no ahyia na wɔafi ase retuatua ntokuru no, wɔn bo fuwii sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na bere a Sanbalat ne Tobia ne Arabfo ne Amonfo ne Asdodfo tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasu no mu atokuru no, wɔn bo fuw yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiafo ne Amonfo ne Asdodfo no tee sɛ wɔatoatoa Yerusalem afasu no ahyia na wɔafi ase retuatua ntokuru no, wɔn bo fuwii sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:7
29 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Na AWURADE somaa Kaldeafo asafo ne Siriafo asafo ne Moabfo asafo ne Amonfo asafo baa no so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛ AWURADE nam ne nkoa adiyifo so kae no.


Na ɛno akyi no, Moabfo ne Amonfo ne Maonfo no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko.


Ma ɔhene nhu sɛ yesiim kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛse no fi hɔ, na wɔde abo akɛse resi, na wɔde nnua agugu afasu no so, na adwuma no, wɔreyɛ no nsi mu, na ɛreyɛ yiye wɔ wɔn nsam.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni bi, tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo.


Na Horonni, Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabiani Gesem tee no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: Asɛm bɛn na moredi yi? So, ɔhene anim atua na moretew yi?


Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no no, ne bo hurui na onyaa abufuw pii pa ara, na odii Yudafo no ho fɛw.


Na yɛtoo ɔfasu no, na wɔtoatoaa ɔfasu no nyinaa koduu ne fa so, na ɔman no nyaa koma pa de yɛe.


na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ biako sɛ wɔreba ne Yerusalem abɛko, na wɔayɛ no sakasaka.


Na yɛn atamfo nyinaa tee no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no surosuroe, na wɔtɔɔ mu wɔn ani so sɛ, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi.


ne amamfrafo no nyinaa ne Us asase so ahene nyinaa ne Filistifo asase so ahene nyinaa ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkae no,


Ɛnna Ismael faa ɔman no nkae a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmabea ne nkurɔfo a wɔkae Mispa a ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekotwam akɔ Amonfo nkyɛn.


Sɛ AWURADE se ni: Amonfo amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan wɔn asotwe no, sɛ bere a wogu so retrɛw wɔn ahye mu no mpo, wɔpaepae Gilead apemfo mu nti


na metwa emufo afi Asdod ne ɔhempomakurafo afi Askelon, na mɛdan me nsa mahyɛ Ekron, na Filistifo nkae ayera, AWURADE Nyankopɔn na ose.


Momma ɛmfa Asdod aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ho ano, Samaria mmepɔw so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛso a ɛwɔ no mu no.


Na wɔtee no, etwiw wɔn na wotuu agyina sɛ wobekum wɔn.


Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.


Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ mitutu mo aniwa nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan