Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Wɔn a wɔreto ɔfasu no ne wɔn a wɔsoso nnosoa ne wɔn a wɔsoasoa wɔn no, wɔde nsa biako reyɛ adwuma, na wɔde biako kura dade mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Wɔn a wɔtotoo ɔfasuo no ne wɔn a wɔsoso nnesoa ne wɔn a wɔsoasoaa wɔn no, wɔde nsa baako reyɛ adwuma, na wɔde baako kura akodeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 na wɔreto ɔfasu no akyi. Apaafo no biara de ne nsa baako yɛɛ adwuma bere a nsa baako nso kura akode mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

17 Wɔn a wɔtotoo ɔfasuo no ne wɔn a wɔsoso nnesoa ne wɔn a wɔsoasoaa wɔn no, wɔde nsa baako reyɛ adwuma, na wɔde baako kura akodeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 na wɔreto ɔfasuo no akyi. Apaafoɔ no biara de nsa baako yɛɛ adwuma wɔ ɛberɛ a nsa baako nso kura akodeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Wɔn a wɔreto ɔfasu no ne wɔn a wɔsoso nnosoa ne wɔn a wɔsoasoa wɔn no, wɔde nsa biako reyɛ adwuma, na wɔde biako kura dade mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:17
15 Iomraidhean Croise  

Ɛnna mede nnipa misisii ase ase hɔnom, ɔfasu no akyi, nea ɛhɔ da hɔ no, na mede ɔman no misisii sɛ wɔn mmusua te, wɔde wɔn nkrante ne wɔn mpeaw ne wɔn ta.


Na efi da no, me mmerante no fa fraa mu yɛɛ adwuma, na wɔn mu fa nso kurakuraa mpeaw ne akyɛm ne ta ne amiade mu, na asafohene no gyinaa Yuda fi nyinaa akyi.


Na wɔn a wɔto no nyinaa bobɔ wɔn nkrante wɔ wɔn asen na wɔde to; na torobɛntohyɛnfo no wɔ me nkyɛn.


Onyankopɔn ayeyi a ɛso wɔ wɔn anom, na nkrante anofanu hyɛ wɔn nsam,


Wɔn nyinaa kurakura mfoa, wɔasuasua akodi, wɔn mfoa bobɔ wɔn asen, anadwo wibɔ nti.


Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.


nanso obi nsum ne yɔnko, wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so, na sɛ wɔhwehwe akode ntam a, wompira;


Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.


Sɛ nnipa bi wɔ mo so tumi yi bi a, yenni nsen wɔn anaa? Nanso yɛamfa saa tumi yi anyɛ nea yɛpɛ, na mmom yɛpene nneɛma nyinaa so na yɛansiw Kristo asɛmpa no kwan.


nokware asɛnka mu, Onyankopɔn tumi mu, trenee akode mu wɔ nifa ne benkum;


na mommma atamfo nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo, eyi fi Nyankopɔn,


Na wo nso, mia w’ani hu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa.


Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan