Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na misee mmakoma ne mpanyimfo ne ɔman no nkae sɛ: Munnsuro wɔn anim, AWURADE kɛse a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo yerenom ne mo afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mehwɛɛ sɛnea nneɛma te no, mefrɛɛ ntuanofo no ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro atamfo no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛse ne onuonyamfo no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

14 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro atamfoɔ no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na misee mmakoma ne mpanyimfo ne ɔman no nkae sɛ: Munnsuro wɔn anim, AWURADE kɛse a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo yerenom ne mo afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:14
34 Iomraidhean Croise  

Hyɛ wo ho den na ma yɛnhyɛ yɛn ho den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow. Na AWURADE nyɛ nea eye n’ani so.


Monhyɛ mo ho den na monyɛ nnam, munnsuro na mo bo nntu Asaria hene no anim ne n’asafo yuu a wɔka ne ho no anim, na nea ɔne yɛn wɔ hɔ so sen nea ɛne no wɔ hɔ.


na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!


Atifi fam asase so na sika fi ba, Onyankopɔn ho na anuonyam a ɛyɛ hu wɔ.


Mekae tete nna, midwen wo nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho.


Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn de, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.


AWURADE ne me hann ne me nkwagye, hena na minsuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hena anim na me ho mpopo?


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela


Wode asɛntrenee a eyi hu bua yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo na asase ano nyinaa ani da wo so, ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so.


Munse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo.


Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu.


AWURADE bɛko ama mo, na mo de, monyɛ komm!


na ohunhuan wɔn nteaseɛnam anan maa ne nantew mu yɛɛ duru. Na Misraimfo no se: Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.


Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: Minni ho anigye, no adu.


Na wɔn a wɔbɔ apam no ho mmusu no, ɔde tɛkrɛmakyene bɛsɛe wɔn ara; nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no bɛhyɛ wɔn ho den, na wɔayɛ ade.


Na AWURADE befi adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne koda no.


AWURADE ani so atua ara nko na monntew, na munnsuro asase no sofo no, na wɔyɛ yɛn aduan; wɔn kataman afi wɔn so, na yɛn de, AWURADE di yɛn akyi, munnsuro wɔn.


Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.


Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no; nsuro, na mma wo bo nntu.


Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn ne awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛse no, otumfo a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na onnye adammude;


Na ɛma yɛde nnam ka sɛ: Awurade ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Na odui no, ɔhyɛn torobɛnto Efraim bepɔw so, na Israel mma ne no sian fii bepɔw no so, na odii wɔn anim;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan