Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na yɛn ahohiafo no kae sɛ: Mommma wɔnnte na wonnhu nkosi sɛ yebedu wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Bere koro no ara mu no na yɛn atamfo nso reka se, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛatow ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awiei.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka sɛ, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na yɛn ahohiafo no kae sɛ: Mommma wɔnnte na wonnhu nkosi sɛ yebedu wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:11
10 Iomraidhean Croise  

na mɛkɔ makɔto no a wabrɛ na ne nsam agow na mayi no hu, na nnipa a wɔka ne ho no nyinaa aguan na makum ɔhene no nko;


Na Yuda kae sɛ: Nnosoasoafo no ahoɔden so ahuan, na afabo no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto afasu no.


Na Yudafo a wɔtete wɔn ho no fi nkurow no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mpɛn du sɛ wɔrepam yɛn ho apammɔne.


Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, na wɔn nti, yesisii awɛmfo awia ne anadwo, wɔn anim.


Wɔn ano hyia ma wɔtɛw me, na wɔkari m’anammɔn, efisɛ wɔtwɛn me kra.


Na mmusu bɛto wo a worenhu yi; na abu bebu wo a nkonyaayi rentumi mpata; na mpofirim na ɔsɛe bɛba wo so, a wo ara wonnim.


Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.


Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan