Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafo miamiaa mu, na wɔn abirempɔn amfa wɔn ho ammɛhyɛ wɔn AWURADE som no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn amɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn ammɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafo miamiaa mu, na wɔn abirempɔn amfa wɔn ho ammɛhyɛ wɔn AWURADE som no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:5
17 Iomraidhean Croise  

Na Yoab soma kɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi fi hɔ bae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dan wo ho oyiyɛfo, na hyɛ ayiyɛ ntade nanso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbea a ofi gyam owufo akyɛ.


na ɔkyekyee Betlehem ne Etam ne Tekoa,


Ɔno so na Tekoafo no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien mu abantenten kɛse a efi adi no ntentenso kosii Ofel fasu no ho.


Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba, Berekia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba, Sadok miamiaa mu.


Na ɔpon dedaw no, Pasea ba, Yoiada ne Besodeia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsɛm so, na wosisii n’apon ne ne mpratwom ne n’adaban.


Na mekasa mekyerɛɛ Yuda hene Sedekia sɛ nsɛm yi nyinaa te sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔndua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa.


Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Yɛ nkyehama ne kɔndua fa, na fa bɔ wo kɔn;


Na ɔman ne ahenni a wɔnsom ɔno Babel hene Nebukadnesar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔndua ase no, afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm ni, akosi sɛ mɛdwerɛw wɔn ne nsam.


O Benyamin mma, mommɔ mo ho aguaa mfi Yerusalem, na monhyɛn torobɛnto Tekoa, na munsi frankaa Bet-hakerem! Na adebɔne bi ne ɔsɛe kɛse repue afi atifi fam.


Amos a ɔwɔ Tekoa nguanhwɛfo mu nsɛm a ohui n’ani so, Israel ho, Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so, mfe abien ansa na asasewosow no bae ni.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.


Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔndua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafo no kɔn so?


Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo beberee, ɛnyɛ atumfo beberee, ɛnyɛ adehye beberee na wɔafrɛ wɔn,


AWURADE bɔfo kae sɛ: Monnome Meros, nnome na monnome emutefo no, sɛ wɔammedi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔm kɛse no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan