Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na Nsutire Pono no, Kol-hose ba Salum Mispa abupɛn no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ na ɔkataa soɔ na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo nsuka ho fasuo nso, ɔhene turo no ho de kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuro mu no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Kol-Hose babarima Salum a na otua Mispa mansin ano no na osiesiee Asuti Pon no. Osiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapon na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, osiesiee Siloam abura ho fasu a ɛbɛn ɔhene mfikyifuw no. Ɔsan too ɔfasu no kosii atrapoe a esian fi Dawid kuropɔn mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

15 Na Nsutire Pono no, Kol-hose ba Salum Mispa abupɛn no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ na ɔkataa soɔ na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo nsuka ho fasuo nso, ɔhene turo no ho de kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuro mu no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:15
19 Iomraidhean Croise  

Na Dawid tenaa aban no mu na ɔfrɛɛ no Dawid kurow. Na Dawid totoo ho afasu hyiae fi Milo ne emu fam.


Ɛnna wotuu kurow no ɔfasu no mu tokuru, na ɔhene ne mmarima akofo no nyinaa guan anadwo faa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pon mu kɔe; nso Kaldeafo no atwa kurow no ho ahyia; na ɔfaa Araba kwan so kɔe.


Na ɔno Hesekia yi ara nso, siw Gihon nsu atifi fibea no ano, na ɔde nsu no nam mpumpunase baa Dawid kurow no atɔe fam. Na Hesekia dii yiye ne nneyɛe nyinaa mu.


Na nsuaniwa pon no so ne wɔn ntentenso no, wɔforoo Dawid kurow aforoe no, ɔfasu no aforoe no so, Dawid fi no atifi fam de kosii Nsu Pono no ano apuei.


Na mesen mekɔɔ nsuaniwa pon no ano ne ɔhene tare ho, nanso na m’aboa a ɔwɔ m’ase no nnya baabiara mfa.


Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio.


Ne nkyɛn mu na Halohes ba Salum, Yerusalem fa so safohene miamiaa mu, ɔno ne ne mmabea.


Sumina pon no de, Rekab ba Malkiya, Bet-hakerem abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban.


Ne nkyɛn mu na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa sin a ɛka ho no mu, kokoam amiade dan ntrapoe no ntentenso.


Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni, Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no ase no miamiaa mu.


Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu.


meyeyɛɛ nsu atare, na mede mu nsu magugu kwae mu nnua a ɛrenyin no so;


Esiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsu a ɛsen brɛoo animtiaa na wɔn ho san wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,


Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn asase no so no mu.


Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?


na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade.


Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn.


Na Benyaminfo tee sɛ Israelfo asim kɔ Mispa. Na Israelfo no kae sɛ: Monka nkyerɛ yɛn ɛ, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte sɛɛ yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan