Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Sumina pon no de, Rekab ba Malkiya, Bet-hakerem abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

14 Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Sumina pon no de, Rekab ba Malkiya, Bet-hakerem abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:14
9 Iomraidhean Croise  

Na Saul ba no wɔ mmarima baanu a wodi no asafohene, obiako din de Baana na nea ɔka ho no din de Rekab; wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wofi Benyamin mma mu. Na wobu Beerot nso fra Benyamin.


Na ofi hɔ rekɔ no, ohuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abehyia no; na okyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: So wodɔ me sɛ medɔ wo yi? Na Yehonadab se: Ɛte sa! Na Yehu se: Sɛ ɛte saa a, so me nsam ɛ! Na osoo mu; na ɔma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu.


Mikael ba, Baaseia ba, Malkiya ba,


Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasu no, na mede aseda asafokuw akɛse abien a wɔnam yuu misisii hɔ: Biako faa nifa, ɔfasu no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,


Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.


Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu.


O Benyamin mma, mommɔ mo ho aguaa mfi Yerusalem, na monhyɛn torobɛnto Tekoa, na munsi frankaa Bet-hakerem! Na adebɔne bi ne ɔsɛe kɛse repue afi atifi fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan