Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:1
19 Iomraidhean Croise  

Na Yesua woo Yehoiakim, na Yehoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,


Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman ne kurow apon ne afasu no.


de kɔfaa Efraim Pono ne Ɔpon Dedaw ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kosii Nguan Pon no ano, na wokogyinaa Nneduadan Pon no ano.


Na ɔsɔfopanyin Eliasib ba Yoiada mma mu biako ayɛ Horonni Sanbalat sew. Na mepam no fii me so.


Na eyi nnya mmae no, na ɔsɔfo Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fi mpia so a ɔyɛ Tobia busuani no,


Ɔno so na Sabai ba, Baruk bɛtoae bɔɔ mmɔden miamiaa sin a ɛka ho no mu fii twea no ho de kosii ɔsɔfo panyin Eliasib fi pon ano.


Ɔno so na Hakos ba, Uria ba, Meremot bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu de fii Eliasib fi pon ano kosii Eliasib fi awiei noho.


Na twea abansoro dan no ne nguan pon no ntam no, sika adwumfo ne aguadifo na amiamiaa mu.


Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiani Gesem ne yɛn atamfo nkae no tee sɛ mato ɔfasu no na tokuru biara nni mu bio no, (nanso bere no mu na minsisii apon no, kurow apon no ano),


Na ɛbae sɛ wɔtoo afasu no no, na misii apon no, wɔhyehyɛɛ aponanohwɛfo ne nnwontofo ne Lewifo.


Mɛma wo so, AWURADE, efisɛ woayi me, na woamma m’atamfo ani annye, me nti.


Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn, monkan n’abantenten,


Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan,


Fa w’ahonyade hyɛ AWURADE anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa;


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔbɛkyekyere kurow no ama AWURADE afi Hananel abantenten ho akosi twea so ponkɛse so,


Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.


Asase no nyinaa bɛdan ayɛ sɛ Araba tataw so afi Geba akosi Rimon a ɛwɔ Yerusalem nifa fam, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afi Benyamin ponkɛse ano de akosi kan ponkɛse no sibea de akosi twea ponkɛse no ano, na afi Hananel abantenten no ho de akosi ɔhene nsa-kyi-amoa no ho.


Nso ɔtare bi wɔ Yerusalem nguanten ponkɛse a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwironoo anum no ho.


Na ahwɛfo no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforo na onnuruu mu afiforo no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu na obi ankoduru mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan