Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie.” Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no wɔ me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:8
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔkae sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ wo Israel, ase ne: Onyankopɔn kofoni, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Nanso Yudafo mpanyimfo no Nyankopɔn ani ku wɔn ho, na wɔansiw wɔn kwan kosii sɛ asɛm no koduu Dario nkyɛn ansa, na wɔde eyi ho nhoma san bae bio.


na wodii apiti dapɔnna nnansɔn, anigye mu, efisɛ AWURADE maa wɔn ani gyei, na ɔkom Asiria hene no koma baa wɔn ho ma ɔhyɛɛ wɔn abasam den, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fi adwuma no mu.


Na me na merehyɛ makyerɛ nea monyɛ mma Yudafo mpanyimfo no na wonsi Onyankopɔn fi no, ɛne sɛ ɔhene nneɛma a ɛne asuogya tow no, wɔmfa mu bi ntua ahwerede no ka pɛpɛɛpɛ mma mmarima no, na annye wɔn asabawmu.


ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


Na ɔsram a edi kan no da a edi kan no so wɔhyɛe sɛ omfi Babel mforo nkɔ, na ɔsram a ɛto so anum no da a edi kan no, ɔbaa Yerusalem, efisɛ ne Nyankopɔn ayamye nsa no wɔ no so.


Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii,


Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.


meyɛɛ nturo ne mfikyifuw fɛfɛ fae, na miduaduaa mu nnua a ɛsow aba ahorow nyinaa;


meyeyɛɛ nsu atare, na mede mu nsu magugu kwae mu nnua a ɛrenyin no so;


Na mubehu, na mo koma ho asɛpɛw no, na mo nnompe ayɛ huronhuron sɛ wura frɔmfrɔm; na wobehu AWURADE nsa ne nkoa ho, ne abufuw a emu yɛ den, n’atamfo so.


Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafohene no anim adɔe ne mmɔborohunu.


Na esiane sɛ Onyankopɔn di m’akyi nti na migyina hɔ de abedu nnɛ yi, na midi nnipa nketewa ne akɛse adanse, na menka biribiara sɛ nea adiyifo ne Mose kae sɛ ɛbɛba no:


Na oyii no fii n’amanehunu nyinaa mu, na ɔmaa no adom ne nyansa Misraim hene Farao anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fi nyinaa so amrado.


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito koma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan