Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔmma me nhoma, na memfa menkɔma asuogya amradofo no, sɛ wonnya me kwan nkosi sɛ medu Yuda,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nwoma, na memfa menkɔma asuogya amradofoɔ no, sɛ wɔnnya me kwan nkɔsi sɛ mɛduru Yuda,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, meka kyerɛɛ ɔhene se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a ma me nkrataa nkɔma amradofo a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate agya no, na wɔmma me kwan mma memfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nwoma, na memfa menkɔma asuogya amradofoɔ no, sɛ wɔnnya me kwan nkɔsi sɛ mɛduru Yuda,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, meka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔhene Kɛseɛ sɛ ɛsɔ wʼani a, ma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no, na wɔmma me kwan mfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔmma me nhoma, na memfa menkɔma asuogya amradofo no, sɛ wonnya me kwan nkosi sɛ medu Yuda,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:7
6 Iomraidhean Croise  

Afei wo Tatenai, asuogya amrado, ne Setar-bosnai, ne mo agyinatufo a mowɔ asuogya no, mumfi hɔ nkɔ akyiri.


Na me, ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafo a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ, ade a ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara kyerɛwfo no, bebisa mo no nyinaa, mommɔ mmɔden nyɛ,


na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mebisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefo sɛ wɔmmoa yɛn, atamfo ho, ɔkwan mu, efisɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuw wɔ wɔn a wogyaw no nyinaa so.


Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofo ne abirempɔn a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaw ɔman no ne Onyankopɔn fi no.


Na miduu asuogya amradofo no nkyɛn, na mede ɔhene nhoma no maa wɔn. Nso na ɔhene asoma dɔm asafohene bi ne apɔnkɔsotefo aka me ho.


Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni, Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no ase no miamiaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan