Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔhene ne ɔhemmea a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ: Wo kɔ no bɛkyɛ akosi da bɛn, na da bɛn na wobɛsan aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ obegya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bere a ɔhemmea te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisae se, “Wokɔ a, wubedi nna ahe? Da bɛn na wobɛsan aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mesi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa sɛ, “Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔhene ne ɔhemmea a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ: Wo kɔ no bɛkyɛ akosi da bɛn, na da bɛn na wobɛsan aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ obegya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:6
9 Iomraidhean Croise  

Ao, Awurade, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na fa ɔbarima yi so hu no mmɔbɔ. Saa bere no na mene ɔhene nsahyɛfo.


Na eyi nyinaa mu no na minni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛto so aduasa abien so no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyi no, mibisaa ɔhene hɔ kwan,


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,


na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, anka woasoma me Yuda ma makɔ m’agyanom adamoa kurow no mu makɔkyekye bio.


Nso efi da a wɔde me sii Yuda asase so amrado no, efi ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu kosi afe a ɛto so aduasa abien so no, mfe dumien, me ne me nuanom anni amrado aduan.


Na wo mufo bɛkyekye tete akurofo, wobɛma awo ntoatoaso horow nhyɛase agyina, na wɔafrɛ wo ɔpam agow, nea ɔsesɛw akwan sɛ nnipa ntena hɔ.


Na wɔbɛkyekye tete akurofo ama kanfo amamfo so agyina, na wɔayɛ nkurow agowagow ne awo ntoatoaso santen no amamfo foforo.


Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.


Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan