Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na Horonni, Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabiani Gesem tee no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: Asɛm bɛn na moredi yi? So, ɔhene anim atua na moretew yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

19 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na Horonni, Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabiani Gesem tee no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: Asɛm bɛn na moredi yi? So, ɔhene anim atua na moretew yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:19
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔsɔfopanyin Eliasib ba Yoiada mma mu biako ayɛ Horonni Sanbalat sew. Na mepam no fii me so.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni bi, tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo.


Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no no, ne bo hurui na onyaa abufuw pii pa ara, na odii Yudafo no ho fɛw.


Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi.


Na wɔn nyinaa, ehu nko na woyi yɛn sɛ: Wɔn nsam begow afi adwuma no ho na wɔanyɛ. Na afei, hyɛ me nsam den.


Na afei wɔn a midi wɔn panyin koraa serew me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn mɛhyɛ m’akraman a wɔhwɛ me nguankuw so no mu,


Taamudifo fɛwdi ne ahantanfo aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo.


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


Wode yɛn yɛɛ atutuw maa wɔn a wɔtete yɛn ho, na yɛn atamfo sereserew wɔ wɔn mu.


Asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Wususuw sɛ anosɛm nko yɛ akodi ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, ɛhena so na wode wo ho to na wotew me so atua yi?


Na daa merekasa a, ɛma meteɛm, akakabensɛm ne ɔsɛe na ɛma misu mefrɛ, na AWURADE asɛm adan me ahohora ne nsopa daa adesae.


Ɛnna Ismael faa ɔman no nkae a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmabea ne nkurɔfo a wɔkae Mispa a ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekotwam akɔ Amonfo nkyɛn.


ɔkae sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔserew no.


Na wɔserew no. Na Yesu pam wɔn nyinaa, na ɔfaa abofra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ nea abofra no da hɔ.


Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.


Efi hɔ no, Pilato hwehwɛe sɛ ogyaa no; na Yudafo no teɛɛm sɛ: Sɛ wugyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare.


Yɛahu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin.


Na afoforo huu animguasede ne ɔhwe, mpokyerɛ ne duam nna nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan