Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na mekaa wɔn me Nyankopɔn yiye a wayɛ me, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn. Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn. Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!” Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na mekaa wɔn me Nyankopɔn yiye a wayɛ me, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:18
10 Iomraidhean Croise  

Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima na mo wura Saul awu, nanso Yuda fi asra me asi wɔn so hene.


Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no mu atitiriw a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahenni mu, sɛ wɔne Israel nyinaa besi no hene, sɛnea AWURADE kae Israel ho no.


Hyɛ wo ho den na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow, na AWURADE de, nea ɔpɛ na ɔnyɛ.


Na ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔtoo ɔfasu a abubu no nyinaa, na ɔma ɛkorɔn kosii aban atenten no ho, na ɔtoo ɔfasu foforo, kurow no akyi, na ɔhyɛɛ Milo den, Dawid kurow ho, na ɔyeyɛɛ akode ne akyɛm bebree.


na wodii apiti dapɔnna nnansɔn, anigye mu, efisɛ AWURADE maa wɔn ani gyei, na ɔkom Asiria hene no koma baa wɔn ho ma ɔhyɛɛ wɔn abasam den, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fi adwuma no mu.


ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.


Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu, na monya ɔpɛ na moyɛ adwuma nyinaa sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.


Ɛnna Saul ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Onyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan