Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:17
23 Iomraidhean Croise  

Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaw yɛn ɛ, na mmom wama adɔe ato yɛn Persia ahene no anim, sɛ wɔmma yennya nkwa na yɛmma yɛn Nyankopɔn dan so nsi hɔ, na yɛnkyekye n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasu bi wɔ Yuda ne Yerusalem.


Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkae a wɔaka hɔ asase no so no, wɔwɔ amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.


Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.


Na mmapɔmma no nnim nea mekɔe ne nea meyɛe, na Yudafo ne asɔfo ne mmakoma ne mmapɔmma ne nkae a wɔbɛyɛ adwuma no, minnya menka menkyerɛɛ wɔn ɛ, de abedu sesɛɛ.


Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho.


Na amanaman besuro AWURADE din, na asase so ahene nyinaa asuro w’anuonyam,


Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa, ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛwdi ne ahiiyi.


Wode yɛn ayɛ akasabebui, amanaman mu, woma aman bobɔ wɔn ti nko wɔ yɛn ho.


Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no, dan no mpɛn ason gu wɔn kokom.


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ;


Awurade amene Yakob tenabea nyinaa, wankyɛe so; wadwiriw Yuda babea aban a ɛyɛ den, n’anibere mu, wama aka fam; wahura n’ahenni ne ne mmapɔmma ho.


M’aniwa hyɛ me awerɛhow, me kurow mmabea nyinaa nti.


Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wotwam nyinaa anim.


Ɛda a wɔbɛto wo fasu no reba; ɛda no na wobetwiw wo hye akɔ akyirikyiri.


Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ mitutu mo aniwa nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan