Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:13
9 Iomraidhean Croise  

Na Usia totoo aban atenten Yerusalem, twea pon no so ne obon pon no so ne emu fam twea no so, na ɔhyehyɛɛ no den.


Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkae a wɔaka hɔ asase no so no, wɔwɔ amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.


Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasu no, na mede aseda asafokuw akɛse abien a wɔnam yuu misisii hɔ: Biako faa nifa, ɔfasu no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,


Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso menkaa nea Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa bi ɛ, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete no so no.


Ɛnna anadwo no meforoo osubon no mekɔhwɛɛ ɔfasu no, na mesan mefaa obon pon no mu mebae bio.


Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio.


na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no.


Momforo n’afasu na monsɛe no, nanso monnsɛe no nnwie. Mompempan n’abaa, na wɔnyɛ AWURADE dea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan