Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu, ɔsram Nisan mu, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so mede memaa ɔhene no; nso menyɛɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nisan ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. De besi saa bere no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu, ɔsram Nisan mu, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so mede memaa ɔhene no; nso menyɛɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:1
9 Iomraidhean Croise  

Na Farao kuruwa kura me na metetew bobe aba no mikyi miguu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no mehyɛɛ Farao nsa.


na ɔsan de nsahyɛfo so panyin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa.


Na Artasasta bere so Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfo nkae no kyerɛw nhoma kɔmaa Persia hene Artasasta, na wɔkyerɛw ɔmena nhoma no Siria nkyerɛwee mu, na wɔkyerɛɛ ase nso Siria kasa mu.


Na nsɛm yi akyi no, Persia hene Artasasta ahenni mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba, na ɔyɛ Asaria nana ne Hilkia nanankanso


Na Israelfo mu bi ne asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa no mu bi ne no foro baa Yerusalem, ɔhene Artasasta afe a ɛto so ason mu.


Hakalia ba Nehemia nsɛm ni. Na ɔsram Kislew afe a ɛto so aduonu no mu a mewɔ Susan aban mu no,


Ao, Awurade, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na fa ɔbarima yi so hu no mmɔbɔ. Saa bere no na mene ɔhene nsahyɛfo.


Ɔsram a edi kan a ɛne ɔsram Nisan a ɛte sɛ Oforisuo no so, ɔhene Akas-weros afe a ɛto so dumien mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na efi ɔsram no so ara kosii ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar.


Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan