Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:7 - KYERƐW KRONKRON

7 na mebaa Yerusalem; na mibehuu bɔne a Eliasib yɛe wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Onyankopɔn fi abangua so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mibeduu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adiwo dan bi ama Tobia no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mebɛduruu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adihɔ dan bi ama Tobia no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na mebaa Yerusalem; na mibehuu bɔne a Eliasib yɛe wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Onyankopɔn fi abangua so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:7
8 Iomraidhean Croise  

Na Elioenai mma ne: Hodawia ne Eliasib ne Pelaia ne Akub ne Yohanan ne Delaia ne Anani, wɔyɛ baason.


Na wowiee eyinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfo ne Lewifo no ntew wɔn ho mfii nsaase so aman sɛ Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo akyide ho ɛ,


Ɛbere no ara mu na wɔkenkan Mose nhoma no, ɔman no asom, na wohui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ, Amonni ne Moabni mmma Onyankopɔn bagua mu da biara da,


asiesie pia kɛse bi ama Tobia, nea kan no wɔde aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu ne nnwinne ne awi ntotoso du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo ne nnwontofo ne apon ano hwɛfo no, ɛne asɔfo no soma afɔrebɔde sie no.


Ɔhohiafo no ateɛ ne nsa n’afɛfɛde nyinaa so, na wahu amanaman mpo, sɛ wɔrefow ne kronkronbea hɔ ade, nnipa a wohyɛe sɛ wɔnnhyɛn w’asafo mu no.


Na, me nuanom, Kloe fifo abeyi me mo ho asotiw sɛ kunsunkunsun wɔ mo mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan