Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:5 - KYERƐW KRONKRON

5 asiesie pia kɛse bi ama Tobia, nea kan no wɔde aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu ne nnwinne ne awi ntotoso du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo ne nnwontofo ne apon ano hwɛfo no, ɛne asɔfo no soma afɔrebɔde sie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 adan adekoradan kɛse no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atoko afɔrebɔde, aduhuam, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atoko ntotoso du du, nsa foforo, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfo. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔde no yɛ Lewifo, nnwontofo ne aponanohwɛfo no de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 adane adekoradan kɛseɛ no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atokoɔ afɔrebɔdeɛ, aduhwamfufuo, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfoɔ. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔdeɛ no yɛ Lewifoɔ, nnwomtofoɔ ne aponoanohwɛfoɔ dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 asiesie pia kɛse bi ama Tobia, nea kan no wɔde aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu ne nnwinne ne awi ntotoso du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo ne nnwontofo ne apon ano hwɛfo no, ɛne asɔfo no soma afɔrebɔde sie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:5
9 Iomraidhean Croise  

Na Hesekia kae sɛ wonsiesie mpumpunu AWURADE fi; na wosiesiei,


na wɔde maa nnua adwumfo ne adansifo, sɛ wɔmfa ntotɔ abo a wɔatwa ne nnua mfa nyɛ mpuran ne nsɛmso nnua, adan a Yuda ahene asɛe no no mu.


na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no, ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn fi no,


na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn soma afɔrebɔde ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfo no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fi mpia no mu; na yɛde yɛn asase so ntotoso du du bɛma Lewifo no, na wɔn Lewifo no anya ntotoso du du, nkuraase a yɛdɔw mu no nyinaa mu.


Na ɔsɔfo, Aaron ba, nka Lewifo no ho bere a Lewifo no regye ntotoso du du no, na Lewifo no mfa ntotoso du du no mu nea ɛto so du no mmra yɛn Nyankopɔn fi, na wɔmfa ngu adekora adan mpia no mu.


Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.


na mebaa Yerusalem; na mibehuu bɔne a Eliasib yɛe wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Onyankopɔn fi abangua so no.


Na ɔdammaa ne ano pon wowɔ aponkɛse no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyew afɔre ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan