Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Nna no mu nso, mihuu Yudafo a wɔawareware Asdod mmea ne Amon mmea ne Moab mmea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Saa bere koro no ara mu, mihuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wofi Asdod, Amon ne Moab.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

23 Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, mehunuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wɔfiri Asdod, Amon ne Moab.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Nna no mu nso, mihuu Yudafo a wɔawareware Asdod mmea ne Amon mmea ne Moab mmea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:23
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene Solomon dɔɔ mmea ananafo bebree kaa Farao babea no ho, wɔne Moabfo, Amonfo, Edomfo, Sidonfo ne Hetifo mmea


Na ɔsɔfo Esra sɔre gyina ka kyerɛɛ wɔn se: Mo de, moafom sɛ moahyiahyia mmea ananafo, na mode abɛka Israel asodi no ho.


Eyinom nyinaa awareware mmea ananafo, na mmea bi wɔ wɔn mu a wɔawowo mma.


ne sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma asase no sofo, nanso yɛremfa wɔn mmabea mma yɛn mmammarima.


Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara.


Ɛbere no ara mu na wɔkenkan Mose nhoma no, ɔman no asom, na wohui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ, Amonni ne Moabni mmma Onyankopɔn bagua mu da biara da,


Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa na Yuda kasa de, na wontumi nka, na aman no mu biara de na wɔka.


Na mo de, so yentie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛse yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmea ananafo?


Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiafo ne Amonfo ne Asdodfo no tee sɛ wɔatoatoa Yerusalem afasu no ahyia na wɔafi ase retuatua ntokuru no, wɔn bo fuwii sɛ,


Di nea mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorini ne Kanaanni ne Hetini ne Perisini ne Hewini ne Yebusini no afi w'anim.


Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?


Sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpam amanaman pii fi w’anim, Hetifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo,


Na wɔwaree yerenom Moabfo mu, obiako din de Orpa, na obiako no din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du.


Na Filistifo no faa Onyankopɔn adaka no, na wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan