Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moasoɛsoɛ deda ɔfasu no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo. Efi bere no wɔamma homeda bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na moasoɛsoɛ, deda ɔfasuo no akyire? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkye mo. Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso mekasa kyerɛɛ wɔn anibere so se, “Dɛn na motete ɔfasu yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Efi hɔ no, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na moasoɛsoɛ, deda ɔfasuo no akyire? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkye mo. Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso, mekasa kyerɛɛ wɔn anibereɛ so sɛ, “Ɛdeɛn na motete ɔfasuo yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Ɛfiri hɔ, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moasoɛsoɛ deda ɔfasu no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo. Efi bere no wɔamma homeda bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:21
6 Iomraidhean Croise  

Na obiara a ɔrenni wo Nyankopɔn no mmara ne ɔhene mmara so no, edi okum oo, sɛ nso wontwa no asu oo, sɛ nso wonnye ne nsam agyapade oo, anaa afiase nna oo, wɔmmɔ mmɔden mmu no ɛho atɛn ntɛm pa ara.


Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;


Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no.


Na aguadifo ne adetɔnne horow no tɔnfo no soɛsoɛɛ Yerusalem apon no akyi pɛnkoro ne mprenu.


sɛ nso amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan