Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:2 - KYERƐW KRONKRON

2 efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia Israelfo, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ase ne sɛ, bere a Israelfo fii Misraim no, wɔne wɔn anni no yiye. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no ma ɛyɛɛ nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Aseɛ ne sɛ, ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim no, wɔne wɔn anni no yie. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Onyankopɔn danee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia Israelfo, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:2
12 Iomraidhean Croise  

Wɔn de, wɔdome, na wo de, wuhyira; wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa de, n’ani gye.


Me man, kae agyina a Moab hene Balak tui, ne nea Beor ba Bileam de buaa no, ne nea esii fi Sitim kodu Gilgal, sɛnea ɛbɛyɛ na woahu AWURADE nsɛntrenee no.


Na ɔkasaa mmebu mu sɛ: Sɔre, Balak, na tie; yɛ aso ma me, Sipor ba.


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Amonni anaa Moabni mmma AWURADE bagua mu; wɔn awo ntoatoaso a ɛto so du po mmma AWURADE bagua mu da,


efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo ɔkwan mu, bere a mufi Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ofi Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome wo nti.


Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ otie Bileam, na AWURADE wo Nyankopɔn dan nnome no nhyira maa wo, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo.


wɔagyaw ɔkwan trenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na ɔpɛɛ nea ɛnteɛ so akatua,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan