Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hamee, na misee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredi de kum homeda ho yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum home da ho yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛno nti, mekɔɔ Yuda ntuanofo no so kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum homeda ho yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛno enti, mekɔɔ Yuda ntuanofoɔ no so, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hamee, na misee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredi de kum homeda ho yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:17
14 Iomraidhean Croise  

Na me ne mmapɔmma no hamee, na mise: Ɛdɛn nti na wɔagyaw Onyankopɔn fi yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn misisii wɔn dibea.


Na Tirofo bi a ɛte [kurom] hɔ nso de mpataa ne adetɔnne horow nyinaa ba, na wɔbɛtɔn homeda ma Yudafo ne Yerusalemfo.


Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse,


Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.


Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo.


Se ɔhene ne ɔhemmea no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo anuonyam abotiri no afi mo atifi atɔ.


Ma menkɔ nnipa akɛse no nkyɛn na menkasa nkyerɛ wɔn, efisɛ wɔn na wonim AWURADE akwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔndua no atetew nkyehama no.


Na Israel fi tew m’anim atua sare so; wɔanni m’ahyɛde so na wɔpoo m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, obenya mu nkwa no, na me home nna nso, wohuraa ho bebree. Ɛnna mise: Merehwie m’anibere magu wɔn so, sare so na madwerɛw wɔn;


Ntan wo nua wo koma mu; ɔka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?


Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw ne Israel fi akannifo, mo a mukyi atemmu na mokyea nea ɛteɛ nyinaa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan