Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na misisii akorade no so ahwɛfo: Ɔsɔfo Selemia ne Ɔkyerɛwfo Sadok ne Pedaia a ofi Lewifo mu no; na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, efisɛ wobu wɔn nokwafo, na wɔn na wɔkyekyɛ nneɛma no ma wɔn nuanom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfo Selemia, mmara no kyerɛkyerɛfo Sadok ne Lewifo no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na miyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nena sɛ wɔn boafo. Na saa mmarima yi wɔ din pa, na wɔn adwuma ne sɛ wɔde nokware bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfo Lewifo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ Sadok ne Lewifoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na meyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nana sɛ wɔn ɔboafoɔ. Na saa mmarima yi wɔ edin pa, na wɔn adwuma ne sɛ, wɔde nokorɛ bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na misisii akorade no so ahwɛfo: Ɔsɔfo Selemia ne Ɔkyerɛwfo Sadok ne Pedaia a ofi Lewifo mu no; na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, efisɛ wobu wɔn nokwafo, na wɔn na wɔkyekyɛ nneɛma no ma wɔn nuanom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:13
20 Iomraidhean Croise  

Nanso wɔne nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfo no ammu akontaa, efisɛ wɔyɛɛ no nokware mu.


Asodi afɔre sika ne bɔne ho afɔre sika de, wɔamfa amma AWURADE fi; ɛyɛ asɔfo no dea.


nanso wɔne wɔn mmmu sika a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho nkontaa, efisɛ wɔyɛ no nokware mu.


Sakur, Serebia, Sebania,


Na ɔsɔfo, Aaron ba, nka Lewifo no ho bere a Lewifo no regye ntotoso du du no, na Lewifo no mfa ntotoso du du no mu nea ɛto so du no mmra yɛn Nyankopɔn fi, na wɔmfa ngu adekora adan mpia no mu.


Na Lewifo a wɔte Yerusalem no so hwɛfo ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba; Asaf mma no mu nnwontofo wɔ hɔ ma Onyankopɔn fi adwuma no.


ne asɔfo mma no mu binom a wokurakura ntorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba,


Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.


Ɔno so na Selemia ba, Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔto so asia no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu. Ɔno so na Berekia ba, Mesulam bɛtoae ne pia ntentenso.


Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii,


Na ɔkyerɛwfo Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn a asɛm no nti, wɔyɛe no so. Na Matitia ne Sema ne Anaia ne Uria ne Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia ne Misael ne Malkiya ne Hasum ne Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Na Awurade se: Hena ne ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no bedi ne fifo so sɛ ɔmma wɔn wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu?


de beguu asomafo no anan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛnea ehia no.


Na nna no mu a asuafo no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenfo no mu tiaa Hebrifo no sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no so.


Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;


Na afei, nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo hɔ ne sɛ obiara behu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.


Na meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu.


Na wɔnsɔ eyinom nhwɛ kan, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan