Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:44 - KYERƐW KRONKRON

44 Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

44 Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Ɛda no, wɔyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛdeɛ, otwakane ne ntotosoɔ dudu gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔkɔgyegye firi mfuo mu, sɛdeɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmara kyerɛ no, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn dwumadie no ho hia Yudafoɔ nyinaa yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:44
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔn adwuma ne sɛ wɔmmoa Aaron mma nsom AWURADE fi, n’abangua so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronne no nyinaa ho ntew, na wɔnyɛ Onyankopɔn fi som adwuma,


Na Ahia a ɔyɛ Lewifo no mu bi di Onyankopɔn fi akorade ne akronkronne akorade no so:


efisɛ wɔde adwuma no ahyɛ aponanohwɛfo mpanyin baanan, Lewifo no, nsa, na wɔn na wɔhwɛ Onyankopɔn fi mpumpunu ne adekora adan no so.


na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no, ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn fi no,


Nhyira ne onipa a otie me na ɔwɛn m’apon ano daa daa, na ɔhwɛ m’abobow ano apongua so:


Na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no benya ahoɔden foforo, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔre, wobetu mmirika, na wɔremmrɛ, wɔbɛnantew, na wɔrempa abaw.


Na Aaron ne ne mma no de, yi wɔn si hɔ na wonkura wɔn asɔfodi no mu; na ɔhɔho biara a otwiw bɛn ho no, wonkum no.


Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔntena ɔsom no mu nsom. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a, ma ɔntena kyerɛkyerɛ no mu nkyerɛkyerɛ.


Wonnya kyɛfa koro nni nka nea efi n’agyanom ade a wɔatɔn mu no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan