Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Saa anigye da no, wɔbɔɔ afɔre bebree, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Mmea ne mmofra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duu akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Saa anigyeɛ da no, wɔbɔɔ afɔdeɛ bebree, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gyeɛ. Mmaa ne mmɔfra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duruu akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

43 Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:43
29 Iomraidhean Croise  

Na Yuda nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma.


Na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigye san baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfo ho.


Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so aduonu abiɛsa no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkokɔɔ wɔn afi. Na wɔn ani gyei na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Solomon ne ne man Israel no nti.


na ɔman no nhu anigye sebɔ gyegyeegye ne ɔman no su gyegyeegye no ntam nsonoe, efisɛ ɔman no bɔɔ ose kɛse ma wɔtee gyegyeegye no akyirikyiri.


Na wɔrebedwira Yerusalem fasu no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no fi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuru, mmɛnta asanku ne asankuten adi odwiratwa no anigye mu.


ne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser; na nnwontofo no momaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so hwɛfo.


Na sɛ ɔno na ɔma edwo a, hena na obebu fɔ? Na ɔde n’ani hintaw a, hena na ɔbɛhwɛ no? Ɔman mu so oo, obiakofo so oo, odi no pɛ,


Na afei ɔbɛma me ti so, m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntamadan mu ayeyi afɔre, na mato AWURADE sanku dwom.


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede me koma mato no so, na waboa me, enti me koma ho asan no, na mede me dwom meda no ase.


Megye m’ani na madi ahurusi wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ho ayeyi dwom.


Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛe ho, wo nsa ano nnwuma ho na medi ahurusi.


menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.


Ɛno na mmabaa ani begye asaw mu, na mmerante ne nkwakoraa abom anya anigye; na mɛdan wɔn nkɔmmɔdi ahosan, na makyekye wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afi wɔn awerɛhow mu.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne, ne ayeforo nne, ne nnwontofo nne bere a wɔde aseda afɔre ba AWURADE fi no na wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE oye na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, AWURADE na ose.


Na mo anigye nna ne mo afahyɛ a mohyɛ ne mo asram foforo no mu nso monhyɛn ntorobɛnto, mo hyew afɔre ne mo asomdwoe afɔre no so, na ɛnyɛ nkae mma mo, mo Nyankopɔn anim. Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe, ne mmofra a wɔteɛteɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no, anyɛ wɔn abodwo,


Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho!


Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam.


Momfa sanku ho nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sanku mo koma mu mma Awurade,


Mo mu bi hu amane anaa? Ɔmmɔ mpae. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ɔnto ayeyi nnwom.


Na AWURADE apam adaka no duu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛse maa asase wosowee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan