Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:31 - KYERƐW KRONKRON

31 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasu no, na mede aseda asafokuw akɛse abien a wɔnam yuu misisii hɔ: Biako faa nifa, ɔfasu no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

31 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Midii Yuda ntuanofo no anim kɔɔ ɔfasu no atifi, na meboaboaa nnwontofo akuw akɛse abien ano ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofo kuw no mu baako kɔɔ anafo wɔ ɔfasu no atifi kosii Sumina Pon no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

31 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Medii Yuda ntuanofoɔ no anim kɔɔ ɔfasuo no atifi, na meboaboaa nnwomtofoɔ akuo akɛseɛ mmienu ano, ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofoɔ ekuo no mu baako kɔɔ anafoɔ wɔ ɔfasuo no atifi kɔsii Sumina Ɛpono no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasu no, na mede aseda asafokuw akɛse abien a wɔnam yuu misisii hɔ: Biako faa nifa, ɔfasu no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:31
8 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,


Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuw so mmapɔmma ne nkyekyɛmu so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahode ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifo ne nnɔmmarima a wonim akodi yiye no ne mmarima a wotumi nyinaa baa Yerusalem.


Ɛnna Solomon boaa Israel mpanyin ne mmusuakuw no atitiriw ne Israelfo mpanyimfi mmapɔmma no ano behyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afi Dawid kurow a ɛne Sion no mu aba.


na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe,


Na aseda asafokuw a ɛto so abien no kɔɔ wɔn ntentenso, na me nso midii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasu no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kosii ɔfasu Tɛtrɛtɛ no so,


Ɛnna aseda asafokuw abien no kogyinaa Onyankopɔn fi, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho,


Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan