Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:30 - KYERƐW KRONKRON

30 Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman ne kurow apon ne afasu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman ne kuro apono ne afasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, afei wodwiraa ɔmanfo no, dwiraa apon no ne fasu no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman ne kuro apono ne afasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, afei wɔdwiraa ɔmanfoɔ no ho, dwiraa apono no ne ɔfasuo no nso ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman ne kurow apon ne afasu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:30
14 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montotow anyame ananafo a ɛwɔ mo mu ngu, na munnwira mo ho, na monsakra mo ntade.


Ɛnna asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no aba.


Nanso na asɔfo no nnɔɔso nti, wɔn nko antumi angua ɔhyew afɔre no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ wowiee adwuma no ansa na asɔfo no yɛɛ wɔn ho kronkron. Efisɛ Lewifo no koma teɛ sen asɔfo no, wɔn ho kronkronyɛ no mu.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifo, muntie me, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fi kronkron, na munyiyi fi no mfi kronkronbea hɔ.


Na Israelfo a wofi otukɔ mu bae no ne wɔn a wɔatew wɔn ho afi asase no so amanaman no afide ho aba wɔn nkyɛn abɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam guan no,


ne Bet-gilgal ne Geba mfuwa mu ne Asmawet, efisɛ nnwontofo no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia.


Na misee Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ homeda no kronkron. Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te.


Na midwiraa wɔn ho fii amanaman nneɛma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo no asɛde, sɛnea obiara adwuma te,


Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnhoro wɔn ntade;


Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munsiesie mo ho nsie da a ɛto so abiɛsa no. Monnkɔ mo yerenom ho.


Na ɔsɔfo panyin biara, woyi no fi nnipa mu hyɛ no sɔfo ma nnipa, Onyankopɔn fam nneɛma ho, na bɔne nti ɔde ayɛyɛde ne afɔre ama,


Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔre ma ne ho, sɛnea ɔbɔ ma ɔman no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan