Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:27 - KYERƐW KRONKRON

27 Na wɔrebedwira Yerusalem fasu no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no fi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuru, mmɛnta asanku ne asankuten adi odwiratwa no anigye mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Bere a wɔredwira Yerusalem fasu foforo no, wɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔwɔ asase no so nyinaa se, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadi no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigye fa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

27 Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Ɛberɛ a wɔredwira Yerusalem ɔfasuo foforɔ no ho no, wɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa sɛ, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadie no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigyeɛ fa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Na wɔrebedwira Yerusalem fasu no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no fi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuru, mmɛnta asanku ne asankuten adi odwiratwa no anigye mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:27
34 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ. AWURADE ahyira Obed-edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa, Onyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔe kɔfaa Onyankopɔn adaka no fii Obed-edom fi de baa Dawid kurow mu anigye mu.


Na Solomon bɔɔ asomdwoe afɔre a ɔbɔ maa AWURADE no: Anantwi ɔpeduonu abien ne nguan ɔpeha aduonu. Na saa na ɔhene ne Israel mma nyinaa dwiraa AWURADE fi.


Na Dawid ne Israel nyinaa gorui Onyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asanku ne mmɛnta asanku ne mpintin ne nnawuru ne ntorobɛnto.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifo mu agyanom atitiriw, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra nea masiesie mama no hɔ;


Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo asafohene no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no nkurakura nnwonto ade, mmɛnta asanku, mmɛn ne asankuten ne nsammɔ nnawuru nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigye mu.


Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛn ne ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru mu, ne mmɛnta asanku ne asankuten a egyigye dennen.


Na Dawid boaa Aaron mma ne Lewifo no ano:


na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru a wɔma egyigye, ne nneɛma a wɔde to Onyankopɔn dwom. Na Yedutun mma de, wɔwɔ ɔpon ano.


Asaf na odi ti, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-edom ne Yeiel, wokurakura mmɛnta asanku ne nsankuten, na Asaf de, ɔbɔ nnawuru a egyigye.


na mpemnan nyɛ aponanohwɛfo, na mpemnan nso mfa nneɛma a meyɛ memaa ayeyi no nyi AWURADE ayɛ.


Hebronfo no mu nso, Yeria na odi ti sɛ Hebronfo no awo ntoatoaso ne mpanyimfi te. Dawid ahenni afe a ɛto so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wohuu wɔn mu mmarima a wotumi wɔ Yaser-gilead.


Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.


Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no yɛɛ sɛ obiakofo ma wɔtee ɛnne biako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase, na wɔde ntorobɛnto ne nnawuru ne asanku maa wɔn nne so yii AWURADE ayɛ sɛ: Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa no, ɛnna omununkum hyɛɛ ɔdan no, AWURADE dan no ma,


Na asɔfo no gyinagyina hɔ wɔn som nnwuma so, na Lewifo no nso kurakura AWURADE asanku a ɔhene Dawid yɛe sɛ wɔmfa nna AWURADE ase sɛ, “N’adɔe wɔ hɔ daa”, bere a Dawid nam wɔn so yii ayɛ no. Na asɔfo no hyenhyɛn ntorobɛnto, wɔn ntentenso, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.


Na Israelfo, asɔfo, Lewifo ne atukɔfo no nkae de ahosan dii Onyankopɔn fi anobue dapa no.


Na Israel nkae no, asɔfo no, Lewifo no wɔ Yuda nkurow mu tete wɔn agyapade so.


Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri.


Na wɔn a wɔsan fii nnommumfa mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na Israelfo nyɛɛ saa da fi Nun ba Yosua bere so de besi da no. Na ɛyɛɛ anigye kɛse pa ara.


Ma wɔmfa asaw nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asanku nto dwom mma no.


Mɛma wo so, AWURADE, efisɛ woayi me, na woamma m’atamfo ani annye, me nti.


na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo nkurow mu ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no.


Na ahwɛfo no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforo na onnuruu mu afiforo no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu na obi ankoduru mu.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan