Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:26 - KYERƐW KRONKRON

26 Eyinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yehoiakim bere so, ne amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, bere so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Na eyinom nyinaa som wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nena ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne mmara no kyerɛkyerɛfo bere so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

26 Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Na yeinom nyinaa somm wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nana ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ berɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Eyinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yehoiakim bere so, ne amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, bere so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:26
5 Iomraidhean Croise  

Na odii ahenni nyinaa so de fi asu [Eufrate] ano de kosii Filistifo asase so ne Misraim hye so.


Na nhoma a ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo a ɔkyerɛw AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsusuwso ni:


ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.


Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan