Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:24 - KYERƐW KRONKRON

24 Na Lewifo mu atitiriw: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua ne wɔn nuanom a wodi wɔn ntentenso yi ayɛ da ase sɛnea Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe no, awɛmfo kuw ne kuw:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na Lewifoɔ mu atitire: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔdi wɔn ntentensoɔ no yi ayɛ da ase sɛdeɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ no, awɛmfoɔ kuo ne kuo:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Eyinom ne Lewifo mmusua ntuanofo: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfo bi a sɛ edu ayeyi ne aseda afahyɛ so a, wogyina hɔ ne wɔn di nhwɛanim, na ɔfa gye ɔfa so wɔ nnwonto mu, sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

24 Na Lewifoɔ mu atitire: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔdi wɔn ntentensoɔ no yi ayɛ da ase sɛdeɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ no, awɛmfoɔ kuo ne kuo:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Yeinom ne Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfoɔ bi a, sɛ ɛduru ayɛyie ne aseda afahyɛ so a, wɔgyina hɔ ne wɔn di nhwɛanimu, na ɛfa gye ɛfa so wɔ nnwontoɔ mu, sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na Lewifo mu atitiriw: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua ne wɔn nuanom a wodi wɔn ntentenso yi ayɛ da ase sɛnea Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe no, awɛmfo kuw ne kuw:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:24
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w'anom no yɛ nokware.


Na ɔyeyɛɛ Lewifo no mu bi asomfo, AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ.


Na sɛ n’agya Dawid atɔremude te no, ɔde asɔfo no nkyekyem no sisii wɔn som so, ne Lewifo no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wonyi ayɛ na wɔnsom asɔfo no anim, sɛnea ehia da biara; ne aponanohwɛfo no, wɔn nkyekyem mu, ɔpon ne ɔpon ano: Na saa na Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe.


Lewifo: Yesua ne Kadmiel mma: Hodawia mma de: Aduɔsɔn anan.


ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitiriw a ofi aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a odi hɔ, ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba:


Lewi mma, agyanom atitiriw no, wɔakyerɛw wɔn din, beresosɛm nhoma no mu de abesi Eliasib ba Yohanan bere so.


ne ne nuanom: Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel ne Yuda, Hanani, wokurakura Onyankopɔn nipa Dawid asanku no, na ɔkyerɛwfo Esra di wɔn anim.


Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae.


Na Yesua ne Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifo sumpii no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo ansa na owui. Na ɔkae sɛ:


Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.


Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.


Na Yudafo no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenisini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wunim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan