Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro bae no: Seraia, Yeremia, Esra,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro baeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro baeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa nnipa yi ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanin Yesua sanee wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro bae no: Seraia, Yeremia, Esra,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:1
22 Iomraidhean Croise  

Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfo no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wokosii Israel Nyankopɔn afɔremuka sɛ wɔrebɔ so ɔhyew afɔre, sɛnea wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no.


Na wɔbaa AWURADE fi ho, Yerusalem, afe a ɛto so abien mu ɔsram a ɛto so abien so no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkae, asɔfo ne Lewifo ne wɔn a wofi nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa fii ase, na wɔde Lewifo a wɔadi mfe aduonu de rekɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fi adwuma no so.


wotwiw baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitiriw no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se: Yɛne mo besi, na yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔre de fi Asiria hene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no bere so.


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no, na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho na wosoo wɔn mu.


Na Israelfo mu bi ne asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa no mu bi ne no foro baa Yerusalem, ɔhene Artasasta afe a ɛto so ason mu.


Na Lewifo no mu nkyekyɛmu a wɔyɛ Yuda de no bi fraa Benyamin mu.


Na Yesua woo Yehoiakim, na Yehoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,


a wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana bae no. Israel man mu mmarima dodow ni:


Ɔhene Dario afe a ɛto so abien no ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so baa Yuda amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ne ɔman no nkae no nyinaa tiee Awurade wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Awurade wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Awurade anim.


Na Awurade nyan Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no honhom, ne ɔman no nkae nyinaa ahonhom, na wɔbae bɛyɛɛ adwuma, asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn fi,


Ka kyerɛ Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no, ne ɔman no nkae no sɛ:


na fa yɛ abotiri, bɔ Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ti,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan