Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 11:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔman no mmapɔmma no tenaa Yerusalem; na ɔman no nkae bobɔɔ ntonto sɛ wɔde nnipa du mu biako bɛtena Yerusalem, kurow kronkron no mu, na baakron atenatena nkurow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, saa ɛberɛ yi, na ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ tete Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkuro bi no so, yii mu nkyɛmu edu mu baako, ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkaeɛ no deɛ, wɔtenaa deɛ wɔte hɔ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔman no mmapɔmma no tenaa Yerusalem; na ɔman no nkae bobɔɔ ntonto sɛ wɔde nnipa du mu biako bɛtena Yerusalem, kurow kronkron no mu, na baakron atenatena nkurow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 11:1
21 Iomraidhean Croise  

Na wɔbɔɔ ɔpon biara so ntonto, akumaa ne ɔkɛse nyinaa, sɛ wɔn mpanyimfi te.


Eyinom ne agyanom atitiriw, wɔn awo ntoatoaso so atitiriw. Eyinom tenaa Yerusalem.


Na wɔkan Israel nyinaa kyerɛw wɔn din sɛ wɔn mmusua te, na hwɛ, wɔakyerɛw wɔn din wɔ Israel ne Yuda ahene nhoma mu. Wotuu wɔn koduaa Babel, wɔn amumɔyɛ nti.


Na wɔn a wɔtenaa asase no so kan, wɔn agyapade mu, wɔn nkurow mu ne Israel, asɔfo, Lewifo ne nsɔfokwaa.


Na Yerusalem de, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne Manase mma no mu binom na wɔtenatenaa hɔ:


Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛde ho ntonto, asɔfo, Lewifo, ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fi, sɛnea yɛn mpanyimfi te, afe afe mu, bere a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka no so, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu no.


Lewifo a wɔwɔ kurow kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe anan.


Nso bere no ara mu no, misee ɔman no sɛ: Onipa biara nipa ne ne somfo nna Yerusalem, na wɔnyɛ yɛn awɛmfo anadwo ne adwumayɛfo awia.


Ɛhɔ na wɔde nkongua sisi maa atemmu, Dawid fi nkongua no.


Monsrɛ mma Yerusalem asomdwoe, ensi w’adɔfo yiye.


Kokom na wɔtwe ntonto, na ɛho atemmu nyinaa fi AWURADE.


Na wɔde kurow kronkron no frɛ wɔn ho, na wotweri Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no.


Sion, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ w’ahoɔden! Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’anuonyam atade! Na momonotoni ne nea ne ho ntew bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio.


na ne nyan akyi no wofii adi fii wɔn aboda mu kɔɔ kurow kronkron no mu koyiyii wɔn ho kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.


Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron no mu, na ɔde no kogyinaa asɔrefi no atifi,


Na wɔbɔɔ mpae sɛ: Wo, Awurade a wunim nnipa nyinaa komam, kyerɛ baanu yi mu biako a woayi no


Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkan no kaa asomafo dubiako no ho.


Na Yosua twee ntonto maa wɔn, AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfo sɛ wɔn nkyekyem te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan