Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:37 - KYERƐW KRONKRON

37 na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn soma afɔrebɔde ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfo no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fi mpia no mu; na yɛde yɛn asase so ntotoso du du bɛma Lewifo no, na wɔn Lewifo no anya ntotoso du du, nkuraase a yɛdɔw mu no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

37 na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfoɔ no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fie mpia no mu, na yɛde yɛn asase so ntotosoɔ du du bɛma Lewifoɔ no, na Lewifoɔ no anya ntotosoɔ du du, nkuraaseɛ nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 “Yɛbɛkora nnɔbae no nyinaa wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikresiam a eye pa ara ne atoko nkae afɔrebɔde, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsa foforo papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn nnɔbae biara a efi yɛn asase so nkyɛmu du mu baako bɛbrɛ Lewifo, efisɛ wɔn na wogyigye ntotoso du du no wɔ yɛn nkuraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

37 na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfoɔ no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fie mpia no mu, na yɛde yɛn asase so ntotosoɔ du du bɛma Lewifoɔ no, na Lewifoɔ no anya ntotosoɔ du du, nkuraaseɛ nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 “Yɛbɛkora mfudeɛ no nyinaa wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikyiresiam a ɛyɛ pa ara ne atokoɔ nkaeɛ afɔrebɔdeɛ, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsã foforɔ papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn mfudeɛ biara a ɛfiri yɛn asase so nkyɛmu edu mu baako bɛbrɛ Lewifoɔ, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔgyegye ntotosoɔ dudu no wɔ yɛn nkuraase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

37 na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn soma afɔrebɔde ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfo no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fi mpia no mu; na yɛde yɛn asase so ntotoso du du bɛma Lewifo no, na wɔn Lewifo no anya ntotoso du du, nkuraase a yɛdɔw mu no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:37
23 Iomraidhean Croise  

Na Israel ne Yudafo a wɔtete Yuda nkurow mu no, wɔn nso wɔde anantwi ne nguan mu ntotoso du du ne akronkronne a wɔayɛ no kronkron ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotoso du du bae, na wɔde beguu hɔ akuwakuw.


Na mihui sɛ Lewifo kyɛfa no, wɔamfa amma wɔn, na wɔaguanguan akokɔ wɔn mfuw mu, Lewifo ne nnwontofo a wɔyɛ adwuma no.


Na Yuda nyinaa de awi ne nsa ne ngo ntotoso du du bae beguu akorade no mu.


asiesie pia kɛse bi ama Tobia, nea kan no wɔde aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu ne nnwinne ne awi ntotoso du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo ne nnwontofo ne apon ano hwɛfo no, ɛne asɔfo no soma afɔrebɔde sie no.


na mekae sɛ wonnwira mpia no mu, na mede Onyankopɔn fi nneɛma no mesan mebaa hɔ bio, aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu no.


yi ade biara a ebue yafunu ano ma AWURADE, na w'afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wobue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.


Yɛ mmakan nyinaa, Israelfo mu ade biara a ebue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.


Momfa ohim abodoo abien mfi mo tenabea mmɛma; asikresam abupɛn du mu abien mmɔkaw na wɔmfa nto, na ɛnyɛ aduankan mma AWURADE.


Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntena me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo Awurade na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?


So onipa bɛfow Onyankopɔn sɛ morefow me yi? Na moka se: Dɛn mu na yɛfow wo? Ntotoso du du ne soma afɔrebɔde mu.


Ade biara a ebue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo de; nnipa mmakan, ne afieboa a wɔn ho ntew mmakan nso wonhyɛ wɔn anan mu.


Na wɔn nam nyɛ wo de sɛ ohim yan ne srɛ nifa no yɛ wo de no.


Na Lewifo no de, wɔn som a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nti, hwɛ, mede Israel mu ntotoso du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapade.


Sɛ aba a edi kan no yɛ kronkron a, tɔw no nyinaa yɛ bi; na sɛ ntini no yɛ kronkron a, nnubaa no nso yɛ bi.


W’ade a wuduae nnɔbae a w’afuw ma daa afirihyia no, yi so ntotoso du du;


w’aburow, wo nsa ne wo ngo mu adekan ne wo nguan ho nwi a wutwa kan no, fa ma no,


fa asase no so adua a wubenya w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no nyinaa aduankan no bi gu kyerɛnkyɛ mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena hɔ no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan