Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:36 - KYERƐW KRONKRON

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no, ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn fi no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no, ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn fi no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:36
14 Iomraidhean Croise  

Na asɛm no hyetae no, Israelfo no de awi ne nsa ne ngo ne ɛwo ne mfuw mu nnɔbae nyinaa mu adikanne bebree bae, na ade nyinaa mu ntotoso du du no nso, wɔde pii bae.


Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.


asiesie pia kɛse bi ama Tobia, nea kan no wɔde aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu ne nnwinne ne awi ntotoso du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo ne nnwontofo ne apon ano hwɛfo no, ɛne asɔfo no soma afɔrebɔde sie no.


Yɛ mmakan nyinaa, Israelfo mu ade biara a ebue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.


W'asase so aba a edi kan mu adekan, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fi. Nnoa oguan ba wɔ ne na nufusu mu.


Ade biara a ebue ɔyafunu ano ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwi oo, oguan oo, me dea.


Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntena me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo Awurade na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?


Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, efi onipa so kosi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.


Ma nea wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne nea ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa.


na ɛhɔ na momfa mo hyew afɔre ne mo kum afɔre ne mo ntotoso du du ne mo nsam soma ade ne mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre ne mo anantwi ne mo nguan mmakan nkɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan