Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:32 - KYERƐW KRONKRON

32 Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 “Nea ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn sɛ yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

32 Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 “Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:32
12 Iomraidhean Croise  

Na ɔbo yi a mede mayɛ odum masi hɔ yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Na nea wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotoso du du.


akodi mu asade no bi na wɔde mae sɛ wɔmfa nsiesie AWURADE fi no.


Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no.


So, ɛnyɛ sɛɛ na mo agyanom yɛe, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kurow yi so no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuw no ho, sɛ morekum homeda ho yi.


Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moasoɛsoɛ deda ɔfasu no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo. Efi bere no wɔamma homeda bio.


Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.


Na woma wohuu wo homeda kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛde ne mmara.


na nea ɛto so ason no so de, ma ɛnhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafo nni, na nea wobegyaw no, wuram mmoadoma mmedi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo.


Fa w’ahonyade hyɛ AWURADE anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa;


Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan