Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:31 - KYERƐW KRONKRON

31 Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

31 Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no home da a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 “Yɛsan hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

31 Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no homeda a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 “Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:31
24 Iomraidhean Croise  

sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu, sɛ enkosi sɛ asase no bedi ne home mfe no: Amamfoyɛ nna no nyinaa na ɛbɛhome akosi sɛ mfirihyia aduɔsɔn bewie du.


Nna no mu nso, mihuu Yudafo a wɔawareware Asdod mmea ne Amon mmea ne Moab mmea.


Na mo de, so yentie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛse yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmea ananafo?


Na da a edi kan no munhyia nhyia kronkron, na da a ɛto so ason no nso munhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye nea obiara bedi nko ho adwuma na monyɛ.


na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn: nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babea, w'akoa ne w'afenaa ne wo mmoa ne wo hɔho a ɔwɔ wo fi apon mu.


na woanware ne mmabea no bi amma wo ba, na ne mmabea no anni wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankodi wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman.


Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? Sɛ mobɛsansan abɔnefo apɔw, ayiyi kɔndua nhama, ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa?


Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde: ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, mommrɛ mo ho ase, okuromani oo, ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara.


Na munhyia da no ara; ɛnyɛ nhyia kronkron, monnyɛ adwumaden biara. Ɛnyɛ daa ahyɛde mo tenabea nyinaa mu, mo awo ntoatoaso nyinaa mu.


Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda, wonhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu.


na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam,


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan