Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:29 - KYERƐW KRONKRON

29 wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

29 wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn mmara a wɔnam Nyankopɔn akoa Mose so hyɛeɛ no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

29 wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn mmara a wɔnam Nyankopɔn akoa Mose so hyɛeɛ no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

29 wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:29
38 Iomraidhean Croise  

Nanso Yehu anhwɛ amfa ne koma nyinaa anni AWURADE Israel Nyankopɔn mmara so: Wamfi Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.


Na ɔhene gyinaa sumpii no so, na ɔpamee AWURADE anim, sɛ ɔde koma nyinaa ne ɔkra nyinaa bedi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa kogyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.


Na wɔn a wɔtenaa asase no so kan, wɔn agyapade mu, wɔn nkurow mu ne Israel, asɔfo, Lewifo ne nsɔfokwaa.


Na ɔhene no kogyinaa ne gyinabea, na ɔpamee AWURADE anim sɛ obedi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde, ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so.


Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora nea woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ma no, sɛ wokae sɛ: Wɔremma onipa mmɔ wo m’anim a ɔbɛtena Israel ahengua so. Ɔhwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan sɛ wɔbɛnantew me mmara mu, sɛnea wonantew m’anim no.


Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,


Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.


Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nhoma no mu nsɛm no.


Na Israelfo no tew wɔn ho fii ananafo mma nyinaa ho, na wogyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumɔyɛ no.


Na eyi nyinaa nti, yɛrepam nokware apam, na yɛrekyerɛw, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifo ne yɛn asɔfo asɔ ano.


sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛde nyɛ, na wonni ne mmara so. Munyi AWURADE ayɛ!


Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo trenee atemmude so.


Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so! Wo a wode w’anuonyam akata ɔsoro,


Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so!


Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Sɛ muntie me, nni me mmara a, mede metoo mo anim no so


Na mo de, nnansa yi modanee, na moyɛɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ mo mu biara paee ahofadi kyerɛɛ ne yɔnko na mopamee m’anim, ofi a wɔde me din ato no hɔ.


Na mede me honhom mɛhyɛ mo mu, na mama moanantew m’ahyɛde so, na moahwɛ m’atemmude ayɛ.


Na monyɛ kronkron mma me, efisɛ me AWURADE meyɛ kronkron; na mapaw mo afi aman mu sɛ mommɛyɛ me dea.


Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛde ne atemmude no.


na ɔsɔfo no mma ɔbea no nni nsew yi: ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w'asen atotɔ mu na wo yafunu ahon;


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me akum me?


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Nso nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wogye dii; wɔn mu bi ne Dionisio a ɔka Areopagita ne ɔbea bi a ne din de Damari ne binom a wɔka wɔn ho.


Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!


Mmara na Mose hyɛɛ yɛn, Yakob bagua agyapade;


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, muntie ahyɛde ne atemmude a mereka magu mo asom nnɛ yi, na munsua, na munni so nyɛ.


Enti monhwɛ na monyɛ sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommman nifa anaa benkum;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan