Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnne sɛ wɔpam mo kɔ ɔsoro ano noho a, ɛhɔ ara na mefi maboaboa mo ano mede mo maba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mudi me mmara nsɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asu akɔ asase ano nohɔ koraa a, mede mo bɛsan aba faako a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din anuonyam no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnne sɛ wɔpam mo kɔ ɔsoro ano noho a, ɛhɔ ara na mefi maboaboa mo ano mede mo maba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:9
28 Iomraidhean Croise  

na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn, wɔn atamfo a wɔfaa wɔn nnommum kɔe no asase so, na wɔbɔ wo mpae kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a,


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotɔsrɛ a wobɛsrɛɛ m’anim no, na mayɛ ofi a woasi yi kronkron, sɛ mede me din mɛto hɔ akosi daa, na m’aniwa ne me koma atena hɔ nna nyinaa.


Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagye Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano, na yi yɛn fi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho.


Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bebutuw ɔhene ne ɔman biara a wɔteɛ wɔn nsa dan ani, sɛ wobebubu Onyankopɔn fi yi Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara, ma wonni so pɛpɛɛpɛ.


Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano fi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho.


na waboaboa wɔn ano afi nsaase so, afi apuei ne atɔe, afi atifi fam ne anafo fam.


AWURADE na ɔkyekye Yerusalem, ɔpɔn Israelfo a wɔapete wɔn.


Na wama amanaman no nsɛnkyerɛnne, na wapɔn Israel asesafo aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔapete no afi wiase afanan so abehyia.


Ɛda no, AWURADE bɛporow n’aba afi asu Eufrate no hweam ano akosi Misraim subon no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmiako mmiako.


AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel mpanyimfo ano no asɛm ni: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae ɛno so maka wɔn a wɔaboa wɔn ano no ho.


Na matu wɔn no, akyi no, mɛsan mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa masan maba wɔn agyapade mu ne wɔn asase so mmiako mmiako.


Mma akyirisanfo, monsan mmra, AWURADE asɛm ni, na mene mo wura; na mɛfa mo, kurow biara mu, obiako, ne abusua biara mu, baanu, na mede mo maba Sion.


Muntie AWURADE asɛm, amanaman, na monka wɔ akyirikyiri mpoano aman so sɛ: Nea ɔbɔɔ Israel petee no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛ oguanhwɛfo hwɛ ne kuw.


Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afi nsaase a m’abufuw ne me yamgya ne anibere kɛse mu misunsum wɔn mekɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asan aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo,


Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, ɔman bi fi atifi fam asase so reba, na ɔman kɛse bi ahwanyan ne ho fi asase anoano tɔnn,


Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Monsan na monnan mo ho mfi mo abosonhunu no ho, na monnan mo ani mfi mo akyide no nyinaa ho.


na mɛfa mo afi amanaman no mu, na maboaboa mo ano afi nsaase no nyinaa so, na mede mo asan aba mo asase so.


Sɛ mofa m'ahyɛde so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a,


Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afi owia apuei asase ne atɔe asase so,


Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.


Sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi de ne din ato hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnne kum w’anantwi ne wo nguan a AWURADE de ama wo no bi, sɛnea mehyɛɛ wo no, na di wɔ wo kurom, sɛnea wo kra kɔn dɔ;


na mmom faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkɔ;


Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apam wo akɔ hɔ no nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan