Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɔfom na yɛafom wo, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛayɛ bɔne kɛse sɛ yɛanni wo mmara nsɛm, wo mmara, ne wʼahyɛde a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔfom na yɛafom wo, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:7
24 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛde, sɛ wobɛnantew n’akwan so, sɛ wubedi n’ahyɛde, ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’adansesɛm so, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu, na woadi yiye nea woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkɔ.


Na wɔn mma de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu, Mose nhoma no mu a AWURADE hyɛe sɛ: Agyanom nnwu, mma nti, na mma nso nnwu, agyanom nti, na onipa ankasa bɔne nti na wɔmma onwu.


Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Usia yɛe no ara; nanso wanhyɛn AWURADE asɔredan no mu; nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.


ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.


sɛ wogu m’ahyɛde ho fi na wonni me mmara nsɛm so a,


ɛno de mede abaa mɛba mabɛhwɛ wɔn mmarato, na mede ɔhaw ahorow mabɛhwɛ wɔn amumɔyɛ.


Ao, ɔman nnebɔneyɛfo, ɔman a wɔn asodi yɛ duru, amumɔyɛfo asefo mma a waporɔw wɔagyaw AWURADE, wɔatew Israel kronkronni no ahii, wɔasan wɔn akyi.


na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo; na nnuabɔ ne ntam a wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


Sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsan afi yɛn amumɔyɛ ho, na yɛatiw wo nokware.


Wɔama ɔsɛe a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, ɔbɛtwe wɔn bɔne so aso.


Eyinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ma ɔde kɔmaa Israelfo no.


Mekae se: Suro me ara, gye nteɛso, na wɔrentwa ne tenabea nkyene, nea mahyɛ wo no nyinaa ho; nanso wotuaa ahema sɛesɛee wɔn nneyɛe nyinaa.


Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛde ne atemmude no.


Na afei, Israel, tie ahyɛde ne atemmude a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no.


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛde ne atemmude, sɛnea AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no, sɛ monyɛ sa, asase a morekɔ so akɔfa no so.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, muntie ahyɛde ne atemmude a mereka magu mo asom nnɛ yi, na munsua, na munni so nyɛ.


Na eyi ne mmara nsɛm, ahyɛde ne atemmude a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no so,


efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ, sɛ obuu aguamammɔfo kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so were wɔ ne nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan