Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, mekae se, “Awurade, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛse na ɔyɛ ɔnwonwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokware dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, mekaa sɛ, “Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:5
18 Iomraidhean Croise  

kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam sɛ wo a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no.


Na hena na ɔte sɛ wo man Israel, asase so man biako a Onyankopɔn akogye wɔn afa ayɛ ɔman, na wode ade akɛse ne ade a ɛyɛ hu agye din, na woatutu amanaman, wo man a wugyee wɔn Misraim no anim no?


Sɛ Persia hene Kores se ni: AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn no, de asase so ahenni nyinaa ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,


Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na misee mmakoma ne mpanyimfo ne ɔman no nkae sɛ: Munnsuro wɔn anim, AWURADE kɛse a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo yerenom ne mo afi.


na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ biako sɛ wɔreba ne Yerusalem abɛko, na wɔayɛ no sakasaka.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe; mma ɔbrɛ a ɛtoo yɛn ne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, efi Asaria ahene bere so de besi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.


Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛse, asase nyinaa so.


Wufi soro ma wɔtee atemmu, asase suroe na ɛtɛm dinn,


na mɛka sɛ: Adɔe besi so daa, ɔsoro hɔ na wode wo nokwaredi atim.


Me ne nea mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid:


AWURADE, asafo Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? Otumfo AWURADE, wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.


na meyɛ mpem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe.


Na sɛ mutie atemmude yi na mudi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bedi apam ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so ama wo,


Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu ne no.


Enti hu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn, Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so kosi awo ntoatoaso apem so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan