Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase misui, na midii nkɔmmɔ nna bi, na midii abuada, na mebɔɔ mpae ɔsoro Nyankopɔn anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Bere a metee eyinom no, metenaa ase sui. Nokware, mitwaa agyaadwo nna bi, bua dae, bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛberɛ a metee yeinom no, metenaa ase suiɛ. Nokorɛm, metwaa agyaadwoɔ nna bi, bua daeɛ, bɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase misui, na midii nkɔmmɔ nna bi, na midii abuada, na mebɔɔ mpae ɔsoro Nyankopɔn anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:4
22 Iomraidhean Croise  

Na Dawid paa Onyankopɔn kyɛw maa abofra no; na Dawid bua dae na ɔkɔɔ mu kɔdaa fam anadwo no.


esiane sɛ wo koma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee nea maka, ɛha yi ne ɛhafo ho, sɛ wɔbɛdan amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntade mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ose.


Na Solomon ayɛ kɔbere sumpii bi de asi abangua no mfinimfini, ne ntwemu basafa abien ne fa, ne trɛw basafa abien ne fa na ne korɔn basafa biako ne fa, na okogyinaa so. Na ɔkotow ne nankoroma anim, Israel bagua no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro,


Sɛ Persia hene Kores se ni: AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn no, de asase so ahenni nyinaa ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


Na Esra rebɔ mpae na ɔde osu ne fam da repae mu ka wɔ Onyankopɔn fi no anim no, Israel mu asafo kɛse pa ara a, mmarima, mmea ne mmofra boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn; na ɔman no suu osu kɛse.


Na metee asɛm yi no, misunsuanee m’atade ne me batakari mu, na mitutuu me ti nwi ne me bogyesɛ, na mede ahofɔm metenaa ase.


Na anwummere afɔrebɔ mu no, mesɔre mifii m’awerɛhow no mu, nso na masunsuan m’atade ne me batakari mu, na mekotow me nankoroma anim metrɛw me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn


Na mituaa wɔn ano misee wɔn sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma asi yɛn yiye, na yɛn, ne nkoa, yɛbɛsɔre asi, na mo de, munni kyɛfa ne tumi ne nkae bi wɔ Yerusalem.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,


Na amanaman besuro AWURADE din, na asase so ahene nyinaa asuro w’anuonyam,


O, Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Babel nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtenae na yesuu sɛ yɛkaee Sion.


Nna no mu na me, Daniel, me werɛ howee adapɛn abiɛsa;


sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborohunu, ahintasɛm no ho, na wɔansɛe Daniel ne ne mfɛfo anka Babel anyansafo a aka no ho.


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase kesee no.


sɛ afahyɛ da. Meyi amane afi wo so, na woansoa ɛho ahohora.


Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan