Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Ao, Awurade, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na fa ɔbarima yi so hu no mmɔbɔ. Saa bere no na mene ɔhene nsahyɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaebɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo anuonyam no mpaebɔ. Mesrɛ sɛ, ma ensi me yiye, bere a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔsrɛ no adom bi yi. Fa hyɛ ne koma mu, na ɔnyɛ me adɔe.” Na meyɛ ɔhene nsahyɛni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ sɛ, ma ɛnsi me yie wɔ ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ.” Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ao, Awurade, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na fa ɔbarima yi so hu no mmɔbɔ. Saa bere no na mene ɔhene nsahyɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:11
27 Iomraidhean Croise  

Na mebaa asubura no ho nnɛ kae sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a mitu yi ayɛ dwoodwoo a,


Mesrɛ wo, yi me fi me nua, Esau nsam, efisɛ misuro no sɛ ɔbɛba abekum me ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.


Na ɔkae sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ wo Israel, ase ne: Onyankopɔn kofoni, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Na nsɛm yi akyi no, Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo fom wɔn wura, Misraim hene no.


Na Farao bo fuw n'asomfo baanu no, nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no.


na ɔsan de nsahyɛfo so panyin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa.


Nanso nsahyɛfo so panyin no ankae Yosef, na ne werɛ fii no.


Ɛnna nsahyɛfo mu panyin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Mekae me mfomso nnɛ.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ, na onnyaa mo nua no ne Benyamin mma mo. Na me de, me mma fi me nsa a, na wɔafi me nsa!


Afei, me Nyankopɔn, ma w’aniwa mmue ɛ, na yɛ aso ma ɛha yi mpaebɔ.


Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a AWURADE asɛm a efi Yeremia anom no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔpaee mu kae n’ahenni nyinaa mu, na wɔkyerɛwee nso sɛ:


ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


Ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpae a merebɔ w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfo, ne ɔka a mereka Israelfo bɔne a yɛayɛ wo no; na me nso ne m’agya fi ayɛ bɔne.


Na ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu, ɔsram Nisan mu, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so mede memaa ɔhene no; nso menyɛɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.


ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.


Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa huu wɔn mmɔbɔ.


Awurade, tie me nne, wɛn w’aso tie me nkotɔsrɛ.


Na wo, Nyankopɔn, woate me bɔhyɛ, wode wɔn a wosuro wo din agyapade ama me.


AWURADE, yɛ aso ma me mpaebɔ, na tie me nkotɔsrɛ nne.


Esiane sɛ wokyi nimdeɛ, na wɔampɛ AWURADE suro,


Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.


na mɛdom mo, na mama wahu mo mmɔbɔ, na wama moasan aba mo asase so.


Ɛnna wɔn a wosuro AWURADE no kasakasae wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro Awurade na wobu ne din no.


Mommɔ mpae mma yɛn; efisɛ yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan