Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Hakalia ba Nehemia nsɛm ni. Na ɔsram Kislew afe a ɛto so aduonu no mu a mewɔ Susan aban mu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Hakalia babarima Nehemia nsɛm ni: Ɔsram Kislev (bɛyɛ Obubuo) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Hakalia babarima Nehemia nsɛm nie: Ɔbosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Hakalia ba Nehemia nsɛm ni. Na ɔsram Kislew afe a ɛto so aduonu no mu a mewɔ Susan aban mu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:1
9 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano behyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Onyankopɔn fi no anim mprae no so, na asɛm no ne osu kɛse bi nti wɔn ho popoe.


Na Israelfo mu bi ne asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa no mu bi ne no foro baa Yerusalem, ɔhene Artasasta afe a ɛto so ason mu.


Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,


Na ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu, ɔsram Nisan mu, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so mede memaa ɔhene no; nso menyɛɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.


Nso efi da a wɔde me sii Yuda asase so amrado no, efi ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu kosi afe a ɛto so aduasa abien so no, mfe dumien, me ne me nuanom anni amrado aduan.


Saa bere no na, ɔhene Ahas-weros te n’ahengua a ɛwɔ Susan abankɛse no mu no so,


Na awɛmfo no fi kɔe ntɛmntɛm sɛnea ɔhene kae no, na wɔhyɛɛ mmara no Susan ahenkurow mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susan kurow no mu ayɛ bisibasaa.


Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.


Na ɛbae sɛ ɔhene Dario afe a ɛto so anan mu no Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn, ɔsram a ɛto so akron a ɛne Kislew no da a ɛto so anan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan